Asomafoɔ 10:27
Acts 10:27 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Petro ne Kornelio gu so rekasa no, wɔwuraa efie no mu kɔtoo nnipa bebree.
Acts 10:27 in English
Acts 10:27 · Berean Standard Bible
As Peter talked with him, he went inside and found many people gathered together.
Context
25Petro reyɛ awura efie hɔ no, Kornelio hyiaa no, buu no nkotodwe. 26Nanso, Petro ka kyerɛɛ no sɛ, “Sɔre, ɛfiri sɛ, me nso meyɛ onipa sɛ wo ara.” 27Petro ne Kornelio gu so rekasa no, wɔwuraa efie no mu kɔtoo nnipa bebree. 28Petro ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mo ara monim pefee sɛ Yudafoɔ mmara mma Yudani ɛkwan sɛ ɔkɔsra Amanamamuni anaasɛ ɔde ne ho bɔ no. Nanso, Onyankopɔn akyerɛ me sɛ, ɛnsɛ sɛ meka sɛ onipa bi ho nte. 29Yei enti na mosoma bɛfrɛɛ me no mantwentwɛn me nan ase no. Afei, kyerɛ me deɛ enti a wosoma bɛfrɛɛ me no.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.