3 Yohane 1:9
3 John 1:9 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Metwerɛɛ krataa tiawa bi kɔmaa asafo no, nanso Diotrefe a nʼani gye sɛ ɔyɛ wɔn panin no rentie deɛ meka no.
3 John 1:9 in English
3 John 1:9 · Berean Standard Bible
I have written to the church about this,* but Diotrephes, who loves to be first, will not accept our instruction.
Context
7Ɛfiri sɛ, wɔn kwan a wɔretu no, wɔretu wɔ Awurade din mu a wɔmpɛ mmoa biara mfiri wɔn a wɔnyɛ agyidifoɔ no nkyɛn. 8Yɛn Akristofoɔ na ɛsɛ sɛ yɛboa saa nnipa no sɛdeɛ yɛne wɔn bɛyɛ nokorɛ no ho adwuma. 9Metwerɛɛ krataa tiawa bi kɔmaa asafo no, nanso Diotrefe a nʼani gye sɛ ɔyɛ wɔn panin no rentie deɛ meka no. 10Sɛ meba a, biribiara a wayɛ no, mede ho asɛm bɛto mo anim. Nsɛm a ɛyɛ hu a ɔka fa yɛn ho ne atorɔ a ɔtwa nyinaa, mɛka ho asɛm. Nanso, ɛno nko ara nyɛ mma no. Sɛ anuanom afoforɔ ba a, ɔnnye wɔn, na obiara a ɔpɛ sɛ ɔgye wɔn no nso, ɔsi wɔn kwan na wabɔ mmɔden apam wɔn afiri asafo no mu. 11Mʼadamfo pa, monnsua ade bɔne, na mmom, monsua ade pa. Obiara a ɔyɛ papa no yɛ Onyankopɔn dea. Na obiara a ɔyɛ bɔne no nhunuu Onyankopɔn.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.