Native Bible

2 Timothy 1:12 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɛnam yeinom so enti na mehunu saa amaneɛ yi. Nanso, meda so wɔ gyidie, ɛfiri sɛ, menim deɛ mede me ho to no so no, na menim nso sɛ ɔbɛkora deɛ mede ahyɛ ne nsa no ama da no nso.

2 Timothy 1:12 in English

2 Timothy 1:12 · Berean Standard Bible

For this reason, even though I suffer as I do, I am not ashamed; for I know whom I have believed, and I am convinced that He is able to guard what I have entrusted to Him * for that day.

Context

10na seesei, ɔnam Agyenkwa Kristo Yesu ba a ɔbɛba no so ada biribiara adi akyerɛ yɛn. Kristo, yɛn Agyenkwa dii owuo so nkonim, na ɔde anigyesɛm a ɛhyerɛn te sɛ kanea na ɛma nkwa a ɛnni awieeɛ brɛɛ yɛn. 11Onyankopɔn ayi me sɛ ɔsomafoɔ ne ɔkyerɛkyerɛfoɔ sɛ menna Asɛmpa no adi. 12Ɛnam yeinom so enti na mehunu saa amaneɛ yi. Nanso, meda so wɔ gyidie, ɛfiri sɛ, menim deɛ mede me ho to no so no, na menim nso sɛ ɔbɛkora deɛ mede ahyɛ ne nsa no ama da no nso. 13Sɔ nokwasɛm a mekyerɛɛ wo no mu yie, na fa yɛ nhwɛsodeɛ, na tena gyidie ne ɔdɔ a ɛyɛ yɛn dea wɔ Kristo Yesu mu no. 14Wɔde ademudeɛ a ɛsom bo ahyɛ wo nsa. Fa Honhom Kronkron a ɔte wo mu no mmoa bɔ ho ban.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.