2 Samuel 9:5
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Na ɔhene Dawid ma wɔkɔfaa no firii Amiel babarima Makir fie wɔ Lo-debar, de no brɛɛ no.
2 Samuel 9:5 in English
2 Samuel 9:5 · Berean Standard Bible
So King David had him brought from the house of Machir son of Ammiel in Lo-debar.
Context
3Ɔhene no bisaa no sɛ, “Obi aka wɔ Saulo efie anaa? Sɛ ɛte saa a mepɛ sɛ mɛyɛ wɔn adɔeɛ a ɛfiri Onyankopɔn wɔ ɛkwan biara a mɛtumi so.”
Siba buaa ɔhene sɛ, “Yonatan babarima obubuafoɔ bi da so wɔ hɔ.” 4Ɔhene bisaa sɛ, “Ɔwɔ he?”
Siba buaa sɛ, “Ɔwɔ Amiel babarima Makir fie wɔ Lo-debar.” 5Na ɔhene Dawid ma wɔkɔfaa no firii Amiel babarima Makir fie wɔ Lo-debar, de no brɛɛ no. 6Ne din de Mefiboset, a ɔyɛ Yonatan babarima ne Saulo nana. Ɔbaa Dawid anim no, ɔde ahopopoɔ kotoo no, kaa sɛ, “Meyɛ wo ɔsomfoɔ.” 7Dawid ka kyerɛɛ no sɛ, “Nsuro, na deɛ ɛbɛyɛ biara no, ɛsiane wʼagya Yonatan enti, mɛyɛ wo adɔeɛ. Nsase a na ɛyɛ wo nana Saulo agyapadeɛ no nyinaa, mɛsane mede mama wo, na woadidi me didipono so daa daa.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.