2 Samuel 8:5
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɛberɛ a Aramfoɔ a wɔfiri Damasko baa sɛ wɔrebɛboa Sobahene Hadadeser no, Dawid kumm wɔn mu ɔpeduonu.
2 Samuel 8:5 in English
2 Samuel 8:5 · Berean Standard Bible
When the Arameans of Damascus came to help King Hadadezer of Zobah, David struck down twenty-two thousand men.
Context
3Dawid sɛe Rehob babarima Hadadeser a na ɔdi ɔhene wɔ Soba no akɔdɔm, ɛberɛ a Hadadeser kɔɔ Asubɔnten Eufrate ho, pɛɛ sɛ ɔkɔhyɛ ne nnisoɔ mu den. 4Dawid kyeree ne nteaseɛnam apem, nteaseɛnamkafoɔ mpem nson ne nammɔntwa asraafoɔ ɔpeduonu. Dawid twitwaa nteaseɛnam apɔnkɔ no nyinaa nantin ntini, ma ɛkaa ɔha pɛ. 5Ɛberɛ a Aramfoɔ a wɔfiri Damasko baa sɛ wɔrebɛboa Sobahene Hadadeser no, Dawid kumm wɔn mu ɔpeduonu. 6Na ɔde akodɔm a wɔyɛ bansifoɔ kɔtenaa Damasko, ma Aramfoɔ bɛyɛɛ Dawid nkurɔfoɔ a na wɔyi toɔ brɛ no. Baabiara a Dawid bɛkɔ no, Awurade ma no di nkonim. 7Dawid faa sikakɔkɔɔ nkuruwa a na ɛyɛ Hadadeser mpanimfoɔ dea no de ne nyinaa kɔɔ Yerusalem.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.