2 Samuel 7:22
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Wo kɛseyɛ yɛ kokuroo, Ao Awurade Otumfoɔ! Obi biara nte sɛ wo, Onyankopɔn bi nni hɔ sɛ wo, na yɛntee onyame foforɔ bi mpo ho asɛm!
2 Samuel 7:22 in English
2 Samuel 7:22 · Berean Standard Bible
How great You are, O Lord GOD! For there is none like You, and there is no God but You, according to everything we have heard with our own ears.
Context
20“Ɛdeɛbɛn bio na mɛtumi aka? Ɛfiri sɛ, wonim sɛdeɛ wʼakoa teɛ, Ao Awurade Otumfoɔ. 21Wʼasɛm ne wo pɛ mu enti, woayɛ nneɛma kɛseɛ yi nyinaa akyerɛ wo ɔsomfoɔ. 22“Wo kɛseyɛ yɛ kokuroo, Ao Awurade Otumfoɔ! Obi biara nte sɛ wo, Onyankopɔn bi nni hɔ sɛ wo, na yɛntee onyame foforɔ bi mpo ho asɛm! 23Ɔman bɛn na ɛwɔ asase yi so a ɛte sɛ Israel? Ɔman foforɔ bɛn na woayi no afiri nkoasom mu de wɔn ayɛ wo ɔman? Ɛberɛ a woyii wo nkurɔfoɔ firii Misraim no, wogyee edin. Woyɛɛ anwanwadeɛ akɛseɛ de pamoo aman ne ahoni ahodoɔ a na wɔyɛ akwansideɛ ma wo nkurɔfoɔ. 24Woatim wo nkurɔfoɔ Israel sɛ wʼankasa wʼadeɛ afebɔɔ, na wo Ao Awurade, woabɛyɛ wɔn Onyankopɔn.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.