Native Bible

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Wʼasɛm ne wo pɛ mu enti, woayɛ nneɛma kɛseɛ yi nyinaa akyerɛ wo ɔsomfoɔ.

2 Samuel 7:21 in English

2 Samuel 7:21 · Berean Standard Bible

For the sake of Your word and according to Your own heart, You have accomplished this great thing and revealed it to Your servant.

Context

19Na afei Otumfoɔ Awurade, yeinom nyinaa akyi no, woka sɛ wobɛma me ahennie a ɛte hɔ daa. Woyɛ nnipa nyinaa sei anaa, Ao Awurade Otumfoɔ? 20“Ɛdeɛbɛn bio na mɛtumi aka? Ɛfiri sɛ, wonim sɛdeɛ wʼakoa teɛ, Ao Awurade Otumfoɔ. 21Wʼasɛm ne wo pɛ mu enti, woayɛ nneɛma kɛseɛ yi nyinaa akyerɛ wo ɔsomfoɔ. 22“Wo kɛseyɛ yɛ kokuroo, Ao Awurade Otumfoɔ! Obi biara nte sɛ wo, Onyankopɔn bi nni hɔ sɛ wo, na yɛntee onyame foforɔ bi mpo ho asɛm! 23Ɔman bɛn na ɛwɔ asase yi so a ɛte sɛ Israel? Ɔman foforɔ bɛn na woayi no afiri nkoasom mu de wɔn ayɛ wo ɔman? Ɛberɛ a woyii wo nkurɔfoɔ firii Misraim no, wogyee edin. Woyɛɛ anwanwadeɛ akɛseɛ de pamoo aman ne ahoni ahodoɔ a na wɔyɛ akwansideɛ ma wo nkurɔfoɔ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.