2 Samuel 6:22
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Aane, na mepɛ sɛ meyɛ ɔkwasea koraa sene yei, na mmaayewa korɔ yi ara a woreka wɔn ho asɛm yi bɛhyɛ me animuonyam.”
2 Samuel 6:22 in English
2 Samuel 6:22 · Berean Standard Bible
and I will humiliate and humble myself even more than this. Yet I will be honored by the maidservants of whom you have spoken.”
Context
20Ɛberɛ a Dawid sane kɔɔ ne fie sɛ ɔrekɔhyira ne fiefoɔ no, Mikal firii adi ba bɛhyiaa no ka kyerɛɛ no abufuo so sɛ, “Ɛnnɛ deɛ, na Israelhene nsɛ ha! Ɔpaa ne ho kyerɛɛ ne mfenaa te sɛ deɛ obiara a ɔmmu ne ho bɛyɛ no ara pɛ.” 21Dawid buaa Mikal sɛ, “Na meresa wɔ Awurade a ɔyii me, na ɔtwaa wʼagya ne nʼabusuafoɔ gyaeɛ no anim. Ɔyii me sɛ menyɛ Israel a wɔyɛ Awurade nkurɔfoɔ ɔkannifoɔ. Ɛno enti, ɛyɛ me pɛ sɛ meyɛ me ho sɛ ɔkwasea, sɛdeɛ ɛbɛma makyerɛ mʼahokeka a mewɔ wɔ Awurade mu. 22Aane, na mepɛ sɛ meyɛ ɔkwasea koraa sene yei, na mmaayewa korɔ yi ara a woreka wɔn ho asɛm yi bɛhyɛ me animuonyam.” 23Na Saulo babaa Mikal anwo ba da wɔ ne nkwa nna nyinaa.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.