2 Samuel 4:11
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Na akatua bɛn na memfa mma amumuyɛfoɔ a wɔakum obi a ne ho nni asɛm wɔ ne fie ɛberɛ a ɔda ne mpa so. Ɛnsɛ sɛ mebisa ne mogya firi mo nsam anaa?”
2 Samuel 4:11 in English
2 Samuel 4:11 · Berean Standard Bible
How much more, when wicked men kill a righteous man in his own house and on his own bed, shall I not now require his blood from your hands and remove you from the earth!”
Context
9Na Dawid buaa Beerotni Rimon mma Rekab ne ne nua Baana sɛ, “Mmerɛ dodoɔ a Awurade a ɔgyee me firi ɔhaw ne abɛbrɛsɛ mu te ase yi, mɛka nokorɛ akyerɛ mo. 10Ɛberɛ a onipa bi bɛka kyerɛɛ me sɛ, ‘Saulo awu’ a na ɔdwene sɛ ɔreka asɛm pa akyerɛ me no, mekyeree no kumm no wɔ Siklag. Nʼasɛm a ɔbɛka kyerɛɛ me no so akatua a mede maa no ne no. 11Na akatua bɛn na memfa mma amumuyɛfoɔ a wɔakum obi a ne ho nni asɛm wɔ ne fie ɛberɛ a ɔda ne mpa so. Ɛnsɛ sɛ mebisa ne mogya firi mo nsam anaa?” 12Enti, Dawid hyɛɛ ne mmarima ma wɔkunkumm wɔn. Wɔtwitwaa wɔn nsa ne wɔn nan, na wɔde kuntunsini no sensɛn Hebron ɔtadeɛ ho. Na wɔfaa Is-Boset tire no kɔsiee no wɔ Abner ɔboda mu wɔ Hebron.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.