Native Bible

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɛberɛ a onipa bi bɛka kyerɛɛ me sɛ, ‘Saulo awu’ a na ɔdwene sɛ ɔreka asɛm pa akyerɛ me no, mekyeree no kumm no wɔ Siklag. Nʼasɛm a ɔbɛka kyerɛɛ me no so akatua a mede maa no ne no.

2 Samuel 4:10 in English

2 Samuel 4:10 · Berean Standard Bible

when someone told me, ‘Look, Saul is dead,’ and thought he was a bearer of good news, I seized him and put him to death at Ziklag. That was his reward for his news!

Context

8Wɔde Is-Boset tire no brɛɛ Dawid wɔ Hebron, na wɔka kyerɛɛ ɔhene no sɛ, “Wo ɔtamfoɔ Saulo a anka ɔrepɛ wo akum wo no babarima Is-Boset tire nie. Ɛnnɛ, Awurade ama me wo aweretɔ ho kwan atia Saulo ne nʼabusua.” 9Na Dawid buaa Beerotni Rimon mma Rekab ne ne nua Baana sɛ, “Mmerɛ dodoɔ a Awurade a ɔgyee me firi ɔhaw ne abɛbrɛsɛ mu te ase yi, mɛka nokorɛ akyerɛ mo. 10Ɛberɛ a onipa bi bɛka kyerɛɛ me sɛ, ‘Saulo awu’ a na ɔdwene sɛ ɔreka asɛm pa akyerɛ me no, mekyeree no kumm no wɔ Siklag. Nʼasɛm a ɔbɛka kyerɛɛ me no so akatua a mede maa no ne no. 11Na akatua bɛn na memfa mma amumuyɛfoɔ a wɔakum obi a ne ho nni asɛm wɔ ne fie ɛberɛ a ɔda ne mpa so. Ɛnsɛ sɛ mebisa ne mogya firi mo nsam anaa?” 12Enti, Dawid hyɛɛ ne mmarima ma wɔkunkumm wɔn. Wɔtwitwaa wɔn nsa ne wɔn nan, na wɔde kuntunsini no sensɛn Hebron ɔtadeɛ ho. Na wɔfaa Is-Boset tire no kɔsiee no wɔ Abner ɔboda mu wɔ Hebron.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.