2 Samuel 3:5
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Na deɛ ɔtɔ so nsia no din de Yitream a ɔyɛ Dawid yere Egla babarima. Wɔwoo saa mma yi maa Dawid wɔ Hebron.
2 Samuel 3:5 in English
2 Samuel 3:5 · Berean Standard Bible
and his sixth was Ithream, by David’s wife Eglah. These sons were born to David in Hebron.
Context
3Deɛ ɔtɔ so mmienu no din de Kileab a ɔyɛ Abigail a na ɔyɛ Nabal a ɔfiri Karmel no kunabaa babarima;
deɛ ɔtɔ so mmiɛnsa no din de Absalom a ɔyɛ Gesurhene* Talmai babaa Maaka babarima. 4Deɛ ɔtɔ so ɛnan no din de Adoniya a ɔyɛ Hagit babarima;
deɛ ɔtɔ so enum no din de Sefatia a ɔyɛ Abital babarima. 5Na deɛ ɔtɔ so nsia no din de Yitream a ɔyɛ Dawid yere Egla babarima.
Wɔwoo saa mma yi maa Dawid wɔ Hebron. 6Ɛberɛ a na ɔko a ɛda Saulo fie ne Dawid fie no gu so no, na Abner yɛ ntuanoni a ɔwɔ tumi wɔ wɔn a wɔdi Saulo akyi no so. 7Emu hɔ Is-Boset bɔɔ Abner kwaadu sɛ ɔne nʼagya Saulo mpena a wɔfrɛ no Rispa, a ɔyɛ Aya babaa, ada.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.