2 Samuel 3:2
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Yeinom ne Dawid mmammarima a wɔwoo wɔn wɔ Hebron: Nʼabakan no din de Amnon a ɔyɛ Ahinoam a ɔfiri Yesreel no babarima.
2 Samuel 3:2 in English
2 Samuel 3:2 · Berean Standard Bible
And sons were born to David in Hebron: His firstborn was Amnon, by Ahinoam of Jezreel;
Context
1Ɔko a ɛbɛtɔɔ wɔn a wɔwɔ Saulo afa ne wɔn a wɔwɔ Dawid afa no kyɛree yie, na ne ahyɛaseɛ nie. Ɛberɛ a Dawid adedie renya ahoɔden no, na Saulo adedie no resɛe. 2Yeinom ne Dawid mmammarima a wɔwoo wɔn wɔ Hebron:
Nʼabakan no din de Amnon a ɔyɛ Ahinoam a ɔfiri Yesreel no babarima. 3Deɛ ɔtɔ so mmienu no din de Kileab a ɔyɛ Abigail a na ɔyɛ Nabal a ɔfiri Karmel no kunabaa babarima;
deɛ ɔtɔ so mmiɛnsa no din de Absalom a ɔyɛ Gesurhene* Talmai babaa Maaka babarima. 4Deɛ ɔtɔ so ɛnan no din de Adoniya a ɔyɛ Hagit babarima;
deɛ ɔtɔ so enum no din de Sefatia a ɔyɛ Abital babarima.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.