2 Samuel 24:19
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Na Dawid kɔyɛɛ deɛ Awurade hyɛɛ no sɛ ɔnyɛ no.
2 Samuel 24:19 in English
2 Samuel 24:19 · Berean Standard Bible
So David went up at the word of Gad, just as the LORD had commanded.
Context
17Ɛberɛ a Dawid hunuu ɔbɔfoɔ no, ɔka kyerɛɛ Awurade sɛ, “Me na mayɛ bɔne. Yeinom deɛ wɔnnim ho hwee, ɛdeɛn na wɔayɛ? Ma wo ɔbɔfoɔ nsɛe me ne me fiefoɔ.” 18Ɛda no, Gad kɔɔ Dawid nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Kɔ na kɔsi afɔrebukyia ma Awurade wɔ Yebusini Arauna ayuporobea hɔ.” 19Na Dawid kɔyɛɛ deɛ Awurade hyɛɛ no sɛ ɔnyɛ no. 20Ɛberɛ a Arauna hunuu sɛ ɔhene ne ne mmarima reba no, ɔpueeɛ, bɛkotoo ɔhene, de nʼanim butuu fam. 21Arauna bisaa sɛ, “Adɛn enti na woaba, me wura?”
Dawid buaa sɛ, “Merebɛtɔ ayuporobea hɔ, na masi afɔrebukyia wɔ hɔ ama Awurade, sɛdeɛ Awurade bɛma ɔyaredɔm no agyae.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.