2 Samuel 22:45
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ananafoɔ brɛ wɔn ho ase ma me; wɔte me nka pɛ ara a, wɔde wɔn ho ma me.
2 Samuel 22:45 in English
2 Samuel 22:45 · Berean Standard Bible
Foreigners cower before me; when they hear me, they obey me.
Context
43Meyamoo wɔn ma wɔyɛɛ sɛ asase so mfuturo;
mepraa wɔn guu nsuka mu sɛ wira. 44“Womaa me nkonimdie wɔ wɔn a wɔbɔ me kwaadu so.
Woahwɛ sɛ mɛyɛ amanaman sodifoɔ;
na nnipa a mennim wɔn som me. 45Ananafoɔ brɛ wɔn ho ase ma me;
wɔte me nka pɛ ara a, wɔde wɔn ho ma me. 46Wɔn nyinaa bɔ huboa,
na wɔde ahopopoɔ firi wɔn nsraban mu ba. 47“Awurade te ase! Ayɛyi nka me botan,
ma wɔmma Onyankopɔn, me nkwagyeɛ botan so.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.