Native Bible

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“Onyankopɔn deɛ, nʼakwan yɛ pɛ; Awurade bɔhyɛ nyinaa ba mu. Ɔyɛ akokyɛm ma wɔn a wɔhwehwɛ banbɔ wɔ ne mu.

2 Samuel 22:31 in English

2 Samuel 22:31 · Berean Standard Bible

As for God, His way is perfect; the word of the LORD is flawless. He is a shield to all who take refuge in Him.

Context

29Ao Awurade, woyɛ me kanea. Aane, Awurade woma me sum dane hann. 30Wʼahoɔden a wode ma me enti, metumi ka akodɔm gu; me Onyankopɔn enti, metumi foro ɔfasuo. 31“Onyankopɔn deɛ, nʼakwan yɛ pɛ; Awurade bɔhyɛ nyinaa ba mu. Ɔyɛ akokyɛm ma wɔn a wɔhwehwɛ banbɔ wɔ ne mu. 32Hwan ne Onyankopɔn, gye sɛ Awurade? Hwan ne ɔbotantim no, gye sɛ yɛn Onyankopɔn? 33Onyankopɔn ne mʼaban a ɛyɛ den; wagye me, na wama me kwan so ayɛ pɛ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.