Native Bible

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“Woda wo ho adi sɛ ɔnokwafoɔ kyerɛ wɔn a wɔdi nokorɛ, wɔn a wɔdi mu nso wo kyerɛ wɔn sɛ wodi mu.

2 Samuel 22:26 in English

2 Samuel 22:26 · Berean Standard Bible

To the faithful You show Yourself faithful, to the blameless You show Yourself blameless;

Context

24Me ho nni asɛm wɔ Onyankopɔn anim; matwe me ho afiri bɔne ho. 25Awurade tuaa me papayɛ so ka, ɛfiri sɛ menni fɔ wɔ nʼanim. 26“Woda wo ho adi sɛ ɔnokwafoɔ kyerɛ wɔn a wɔdi nokorɛ, wɔn a wɔdi mu nso wo kyerɛ wɔn sɛ wodi mu. 27Woyi wo kronkronyɛ kyerɛ ɔkronkronni, nanso amumuyɛfoɔ deɛ wokyiri wɔn. 28Wogye ahobrɛasefoɔ, nanso wʼani kɔ ahantanfoɔ so sɛ wobɛbrɛ wɔn ase.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.