2 Samuel 21:7
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Dawid gyaee Yonatan babarima Mefiboset a na ɔyɛ Saulo nana no, ɛsiane ntam a na Dawid ne Yonatan aka wɔ Awurade anim no enti.
2 Samuel 21:7 in English
2 Samuel 21:7 · Berean Standard Bible
Now the king spared Mephibosheth son of Jonathan, the son of Saul, because of the oath before the LORD between David and Jonathan son of Saul.
Context
5Na wɔbuaa sɛ, “Ɛyɛ Saulo na ɔdwenee ho sɛ ɔbɛsɛe yɛn, sɛdeɛ yɛrennya afa biara wɔ Israel. 6Enti, wɔnyi Saulo mmammarima anaa ne nananom mmarima baason mma yɛn, na yɛbɛkum wɔn wɔ Awurade anim wɔ Gibea bepɔ no so.”
Ɔhene no kaa sɛ, “Ɛyɛ. Mɛyɛ.” 7Dawid gyaee Yonatan babarima Mefiboset a na ɔyɛ Saulo nana no, ɛsiane ntam a na Dawid ne Yonatan aka wɔ Awurade anim no enti. 8Nanso, ɔde Saulo mmammarima baanu a na wɔn edin de Armoni ne Mefiboset a na wɔn maame Rispa no yɛ Aia babaa maa wɔn. Ɔsane de Saulo babaa Mikal a na ɔyɛ Adriel a na ɔyɛ Barsilai a ɔfiri Mehola no yere mmammarima baanum no maeɛ. 9Na Gibeon mmarima no kunkumm wɔn wɔ bepɔ no so wɔ Awurade anim. Enti, nnipa baason no nyinaa, wɔkunkumm wɔn wɔ ɛberɛ a wɔrefiri atokotwa afahyɛ no ase no.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.