2 Samuel 2:28
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Enti, Yoab hyɛn ne totorobɛnto,* maa ne mmarima no gyaee Israel akodɔm no so taa.
2 Samuel 2:28 in English
2 Samuel 2:28 · Berean Standard Bible
So Joab blew the ram’s horn, and all the troops stopped; they no longer pursued Israel or continued to fight.
Context
26Ɛhɔ na Abner teaam, ka kyerɛɛ Yoab sɛ, “Enti, ɛsɛ sɛ daa yɛfa akofena so de ka yɛn ntam asɛm anaa? Monnhunu sɛ, saa ɛkwan no de nitan bɛto yɛn ntam? Da bɛn na wobɛfrɛ wo mmarima no aka akyerɛ wɔn sɛ, wɔnnyae wɔn nuanom Israelfoɔ akyidie?” 27Na Yoab kaa sɛ, “Sɛ woankasa a anka, Onyankopɔn nko ara na ɔnim deɛ ɛbɛba; anka yɛbɛtaa wo anadwo mu no nyinaa.” 28Enti, Yoab hyɛn ne totorobɛnto,* maa ne mmarima no gyaee Israel akodɔm no so taa. 29Anadwo mu no nyinaa, Abner ne ne mmarima nante kɔɔ Araba. Wɔtwaa Yordan bɔnhwa, toaa so kɔɔ Bitron, bɛduruu Mahanaim. 30Na Yoab gyaee Abner akyidie, na ɔboaboaa ne mmarima ano. Asahel akyi no, wɔhunuu sɛ Dawid mmarima no mu dunkron ayera.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.