Native Bible

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Afei ɔwɛmfoɔ no hunuu sɛ ɔbarima foforɔ nso di so reba, na ɔteaam sɛ, “Hwɛ onipa foforɔ bi de mmirika reba!” Ɔhene no kaa sɛ, “Ebia, na ɔno nso de asɛm pa na ɛnam.”

2 Samuel 18:26 in English

2 Samuel 18:26 · Berean Standard Bible

the watchman saw another man running, and he called out to the gatekeeper, “Look! Another man is running alone!” “This one also brings good news,” said the king.

Context

24Ɛberɛ a Dawid te kuro no ɛpono ano no, ne wɛmfoɔ no kɔɔ kuro no ɛpono no atifi wɔ ɔfasuo no so. Ɔtoo nʼani no, ɔhunuu sɛ obi de mmirika reba. 25Ɔwɛmfoɔ no teaam ka kyerɛɛ Dawid na ɔhene no buaa sɛ, “Sɛ ɔno nko ara na ɔnam deɛ a, ebia, na ɔde asɛm pa nam.” Na ɔreba ara, na ɔpinkyɛe. 26Afei ɔwɛmfoɔ no hunuu sɛ ɔbarima foforɔ nso di so reba, na ɔteaam sɛ, “Hwɛ onipa foforɔ bi de mmirika reba!” Ɔhene no kaa sɛ, “Ebia, na ɔno nso de asɛm pa na ɛnam.” 27Ɔwɛmfoɔ no kaa sɛ, “Ɔbarima a ɔdi ɛkan no sɛ Sadok babarima Ahimaas.” Ɔhene no kaa sɛ, “Ɔyɛ onipa pa a, ɔde asɛm pa nam.” 28Na Ahimaas teaam, frɛɛ ɔhene no sɛ, “Biribiara yɛ!” Ɔkotoo wɔ ɔhene no anim, de nʼanim butuu fam kaa sɛ, “Animuonyam nka Awurade, wo Onyankopɔn. Ɔde nnipa a wɔyɛɛ dɔm tiaa me wura ɔhene ahyɛ ne nsa.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.