Native Bible

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Na Yoab ka kyerɛɛ Kusni bi sɛ, “Kɔ na kɔka deɛ woahunu no kyerɛ ɔhene.” Ɛhɔ ara na Kusni no bɔɔ ne mu ase wɔ Yoab anim, na ɔtuu mmirika kɔeɛ.

2 Samuel 18:21 in English

2 Samuel 18:21 · Berean Standard Bible

So Joab said to a Cushite, “Go, tell the king what you have seen.” The Cushite bowed to Joab and took off running.

Context

19Na Sadok babarima Ahimaas kaa sɛ, “Momma mentu mmirika nkɔbɔ ɔhene amaneɛ sɛ, Awurade ayi no afiri atamfoɔ nsam.” 20Na Yoab nso ka kyerɛɛ no sɛ, “Sɛ ɔhene ba awu a, ɛnyɛ asɛm papa mma no. Wobɛtumi akɔbɔ saa amaneɛ no ɛda foforɔ bi, na ɛnyɛ ɛnnɛ.” 21Na Yoab ka kyerɛɛ Kusni bi sɛ, “Kɔ na kɔka deɛ woahunu no kyerɛ ɔhene.” Ɛhɔ ara na Kusni no bɔɔ ne mu ase wɔ Yoab anim, na ɔtuu mmirika kɔeɛ. 22Bio, Sadok babarima Ahimaas ka kyerɛɛ Yoab sɛ, “Deɛ ɛbɛba biara mmra, ma me ne Kusni no nkɔ.” Nanso, Yoab bisaa no sɛ, “Me ba, adɛn enti na wopɛ sɛ wokɔ? Wonni amanneɛbɔ biara a ɛbɛma wo abasobɔdeɛ biara.” 23Ɔkaa sɛ, “Mepene so, nanso ma menkɔ.” Enti Yoab ka kyerɛɛ no sɛ, “Kɔ!” Na Ahimaas faa tata no so kɔeɛ, kɔsianee Kusni no ho.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.