2 Samuel 18:12
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɔbarima no buaa sɛ, “Sɛ anka wobɛma me dwetɛ kilogram dubaako ne fa koraa a, anka merenyɛ saa. Yɛn nyinaa tee sɛ, ɔhene ka kyerɛɛ wo, Abisai ne Itai sɛ, ‘Me enti, obiara nnyɛ aberanteɛ Absalom bɔne.’
2 Samuel 18:12 in English
2 Samuel 18:12 · Berean Standard Bible
The man replied, “Even if a thousand shekels of silver * were weighed out into my hands, I would not raise my hand against the son of the king. For we heard the king command you and Abishai and Ittai, ‘Protect the young man Absalom for my sake.*’
Context
10Dawid mmarima no baako hunuu asɛm a asi no, ɔka kyerɛɛ Yoab sɛ, “Mehunuu Absalom sɛ ɔsensɛn dua bi so wɔ dɔtɔ mu.” 11Yoab bisaa sɛ, “Asɛm pa ara? Wohunuu no na woanku no? Anka mɛma wo dwetɛ gram ɔha ne dunan (114) ne akokoɔduru abɔwomu sɛ akradeɛ.” 12Ɔbarima no buaa sɛ, “Sɛ anka wobɛma me dwetɛ kilogram dubaako ne fa koraa a, anka merenyɛ saa. Yɛn nyinaa tee sɛ, ɔhene ka kyerɛɛ wo, Abisai ne Itai sɛ, ‘Me enti, obiara nnyɛ aberanteɛ Absalom bɔne.’ 13Na sɛ mebu ɔhene asɛm so kum ne babarima a, anka deɛ ɛbɛyɛ biara, ɔhene bɛhwehwɛ deɛ ɔyɛɛ saa. Na anka wʼankasa ne onipa a anka wobɛyi me ama.” 14Yoab kaa sɛ, “Saa nkwaseasɛm yi ayɛ yie.” Enti, ɔtwee mpɛmɛ mmiɛnsa de wowɔɔ Absalom akoma mu ɛberɛ a na ɔsensɛn odum no so a na ɔnwuiɛ no.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.