Native Bible

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Yoab bisaa sɛ, “Asɛm pa ara? Wohunuu no na woanku no? Anka mɛma wo dwetɛ gram ɔha ne dunan (114) ne akokoɔduru abɔwomu sɛ akradeɛ.”

2 Samuel 18:11 in English

2 Samuel 18:11 · Berean Standard Bible

“You just saw him!” Joab exclaimed. “Why did you not strike him to the ground right there? I would have given you ten shekels of silver * and a warrior’s belt!”

Context

9Ɔko no gyina mu no, Absalom puee prɛko pɛ wɔ Dawid mmarima no bi mu. Ɔpɛɛ sɛ ɔdwane wɔ nʼafunumpɔnkɔ so, nanso ɔdwane kɔfaa dɔtɔ bi mu wɔ odum bi ase. Ɔdɔtɔ no kyekyeree ne tirinwi, ma ɔkaa mu. Nʼafunumpɔnkɔ no deɛ, na kɔ ara na ɔrekɔ enti, ɔgyaa no hɔ a, ɔsensɛn dɔtɔ no mu a ɔreto adonko wɔ ewiem. 10Dawid mmarima no baako hunuu asɛm a asi no, ɔka kyerɛɛ Yoab sɛ, “Mehunuu Absalom sɛ ɔsensɛn dua bi so wɔ dɔtɔ mu.” 11Yoab bisaa sɛ, “Asɛm pa ara? Wohunuu no na woanku no? Anka mɛma wo dwetɛ gram ɔha ne dunan (114) ne akokoɔduru abɔwomu sɛ akradeɛ.” 12Ɔbarima no buaa sɛ, “Sɛ anka wobɛma me dwetɛ kilogram dubaako ne fa koraa a, anka merenyɛ saa. Yɛn nyinaa tee sɛ, ɔhene ka kyerɛɛ wo, Abisai ne Itai sɛ, ‘Me enti, obiara nnyɛ aberanteɛ Absalom bɔne.’ 13Na sɛ mebu ɔhene asɛm so kum ne babarima a, anka deɛ ɛbɛyɛ biara, ɔhene bɛhwehwɛ deɛ ɔyɛɛ saa. Na anka wʼankasa ne onipa a anka wobɛyi me ama.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.