2 Samuel 16:15
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Absalom ne Israel mmarima nyinaa baa Yerusalem a Ahitofel ka wɔn ho.
2 Samuel 16:15 in English
2 Samuel 16:15 · Berean Standard Bible
Then Absalom and all the men of Israel came to Jerusalem, and Ahithophel was with him.
Context
13Enti, Dawid ne ne mmarima toaa so kɔɔ wɔn ɛkwan a saa ɛberɛ no, na Simei nso nam bepɔ bi a ɛbɛn wɔn so. Ɔrekɔ no nyinaa, na ɔredome, toto aboɔ bɔ Dawid, tu mfuturo gu ewiem. 14Ɔhene ne ne nkurɔfoɔ nyinaa brɛeɛ wɔ ɛkwan so enti, wɔduruu Asubɔnten Yordan ho no, wɔgyee wɔn ahome. 15Absalom ne Israel mmarima nyinaa baa Yerusalem a Ahitofel ka wɔn ho. 16Na Husai a ɔfiri Arki a ɔyɛ Dawid adamfo no, kɔɔ Absalom nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Ɔhene nkwa so! Ɔhene nkwa so!” 17Na Absalom bisaa Husai sɛ, “Yei ne ɛkwan a wode wʼadamfo Dawid fa soɔ? Adɛn enti na wo ne wʼadamfo ankɔ?”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.