Native Bible

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Enti, Dawid ne ne mmarima toaa so kɔɔ wɔn ɛkwan a saa ɛberɛ no, na Simei nso nam bepɔ bi a ɛbɛn wɔn so. Ɔrekɔ no nyinaa, na ɔredome, toto aboɔ bɔ Dawid, tu mfuturo gu ewiem.

2 Samuel 16:13 in English

2 Samuel 16:13 · Berean Standard Bible

So David and his men proceeded along the road as Shimei went along the ridge of the hill opposite him. As Shimei went, he yelled curses, threw stones, and flung dust at David.

Context

11Na Dawid ka kyerɛɛ Abisai ne ne mpanimfoɔ sɛ, “Me babarima a ɔyɛ mʼankasa mogya pɛ sɛ ɔkum me. Na ɛdeɛn na ɛsi Saulo busuani ho kwan sɛ ɔnyɛ saa ara. Monnyaa no, momma ɔnnome, ɛfiri sɛ, Awurade na waka akyerɛ no sɛ ɔnyɛ saa. 12Ebia, Awurade bɛhunu sɛ wɔreyɛ me bɔne, na ɔde papa atua me nnome a me nsa aka no ɛnnɛ yi no so ka.” 13Enti, Dawid ne ne mmarima toaa so kɔɔ wɔn ɛkwan a saa ɛberɛ no, na Simei nso nam bepɔ bi a ɛbɛn wɔn so. Ɔrekɔ no nyinaa, na ɔredome, toto aboɔ bɔ Dawid, tu mfuturo gu ewiem. 14Ɔhene ne ne nkurɔfoɔ nyinaa brɛeɛ wɔ ɛkwan so enti, wɔduruu Asubɔnten Yordan ho no, wɔgyee wɔn ahome. 15Absalom ne Israel mmarima nyinaa baa Yerusalem a Ahitofel ka wɔn ho.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.