2 Samuel 15:22
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Dawid buaa no sɛ, “Ɛyɛ, ka yɛn ho.” Ɛno enti, Itai ne ne mmarima ahansia ne wɔn fiefoɔ kaa wɔn ho kɔeɛ.
2 Samuel 15:22 in English
2 Samuel 15:22 · Berean Standard Bible
“March on then,” said David to Ittai. So Ittai the Gittite marched past with all his men and all the little ones who were with him.
Context
20Woduruu ha nnora nko ara. Na ɛsɛ sɛ mehyɛ wo na wo ne yɛn kyini anaa? Me mpo, mennim baabi a yɛbɛkorɔ. Sane wʼakyi na kɔfa wʼakodɔm ka wo ho, na Awurade nkyerɛ wo ne dɔ ne ne nokorɛ.” 21Nanso, Itai ka kyerɛɛ ɔhene no sɛ, “Mede Awurade din ne wo ara wo nkwa ka ntam sɛ, baabiara a wobɛkɔ no, mɛkɔ bi a deɛ ɛbɛsi biara mfa me ho, sɛ ɛyɛ nkwa anaa owuo.” 22Dawid buaa no sɛ, “Ɛyɛ, ka yɛn ho.” Ɛno enti, Itai ne ne mmarima ahansia ne wɔn fiefoɔ kaa wɔn ho kɔeɛ. 23Awerɛhoɔ kɛseɛ sii asase no so, ɛberɛ a ɔhene ne nʼakyidifoɔ resene korɔ no. Wɔtwaa Kidron bɔnhwa no de wɔn ani kyerɛɛ ɛserɛ so. 24Abiatar ne Sadok ne Lewifoɔ no faa Apam Adaka no, na wɔde sii kwankyɛn. Na wɔbɔɔ afɔdeɛ wɔ hɔ kɔsii sɛ obiara seneeɛ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.