2 Samuel 14:16
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
na wagye yɛn afiri wɔn a wɔbɛtwa yɛn afiri Onyankopɔn nkurɔfoɔ ho no nsam.’
2 Samuel 14:16 in English
2 Samuel 14:16 · Berean Standard Bible
For the king will hear and deliver his maidservant from the hand of the man who would cut off both me and my son from God’s inheritance.’
Context
14Sɛ ɛkɔsi sɛn ara, obiara bɛwu. Na sɛdeɛ nsuo hwie gu fam a wosesa a ɛnyɛ yie no, saa ara na nkwa teɛ. Ɛno enti na Onyankopɔn sane de yɛn ba ne nkyɛn ɛberɛ a yɛate yɛn ho afiri ne ho no. Wɔn a ɔhwɛ wɔn no, ɔmma wɔnnhwere wɔn kra; enti wo nso, ɛnsɛ sɛ woyɛ saa. 15“Na maba sɛ merebɛdi ama me babarima, ɛfiri sɛ, wɔde owuo hunahuna me ne me ba no. Meka kyerɛɛ me ho sɛ, ‘Ebia, ɔhene bɛtie me, 16na wagye yɛn afiri wɔn a wɔbɛtwa yɛn afiri Onyankopɔn nkurɔfoɔ ho no nsam.’ 17“Aane, ɔhene no bɛma yɛn asomdwoeɛ bio. ‘Menim sɛ wote sɛ Onyankopɔn ɔbɔfoɔ a wobɛtumi ahunu papa ne bɔne ntam nsonsonoeɛ. Awurade, wo Onyankopɔn, nka wo ho.’ ” 18Ɔhene bisaa sɛ, “Mepɛ sɛ mehunu adeɛ baako.”
Ɔbaa no kaa sɛ, “Ɛyɛ ɛdeɛn, me wura?”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.