Native Bible

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“Na maba sɛ merebɛdi ama me babarima, ɛfiri sɛ, wɔde owuo hunahuna me ne me ba no. Meka kyerɛɛ me ho sɛ, ‘Ebia, ɔhene bɛtie me,

2 Samuel 14:15 in English

2 Samuel 14:15 · Berean Standard Bible

Now therefore, I have come to present this matter to my lord the king because the people have made me afraid. Your servant thought, ‘I will speak to the king. Perhaps he will grant the request of his maidservant.

Context

13Ɔbaa no bisaa sɛ, “Adɛn enti na wonyɛ mma Onyankopɔn nkurɔfoɔ sɛdeɛ wɔahyɛ bɔ sɛ wobɛyɛ ama me no. Woabu wo ho fɔ sɛ woasi saa gyinaeɛ yi. Wompɛ sɛ woma wʼankasa wo ba a wɔatwa no asuo no ba efie. 14Sɛ ɛkɔsi sɛn ara, obiara bɛwu. Na sɛdeɛ nsuo hwie gu fam a wosesa a ɛnyɛ yie no, saa ara na nkwa teɛ. Ɛno enti na Onyankopɔn sane de yɛn ba ne nkyɛn ɛberɛ a yɛate yɛn ho afiri ne ho no. Wɔn a ɔhwɛ wɔn no, ɔmma wɔnnhwere wɔn kra; enti wo nso, ɛnsɛ sɛ woyɛ saa. 15“Na maba sɛ merebɛdi ama me babarima, ɛfiri sɛ, wɔde owuo hunahuna me ne me ba no. Meka kyerɛɛ me ho sɛ, ‘Ebia, ɔhene bɛtie me, 16na wagye yɛn afiri wɔn a wɔbɛtwa yɛn afiri Onyankopɔn nkurɔfoɔ ho no nsam.’ 17“Aane, ɔhene no bɛma yɛn asomdwoeɛ bio. ‘Menim sɛ wote sɛ Onyankopɔn ɔbɔfoɔ a wobɛtumi ahunu papa ne bɔne ntam nsonsonoeɛ. Awurade, wo Onyankopɔn, nka wo ho.’ ”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.