2 Samuel 13:24
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Absalom kɔɔ ɔhene nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Me nnwan nwitwitwafoɔ reyɛ adwuma. Ɔhene ne nʼasomfoɔ bɛba abɛka me ho anaa?”
2 Samuel 13:24 in English
2 Samuel 13:24 · Berean Standard Bible
And he went to the king and said, “Your servant has just hired shearers. Will the king and his servants please come with me?”
Context
22Absalom nso anka ho hwee ankyerɛ Amnon. Nanso, ɔtan Amnon yie, ɛfiri sɛ, wagu ne nuabaa Tamar anim ase. 23Mfeɛ mmienu akyi, ɛda koro bi a na wɔretwitwa Absalom nnwan ho nwi wɔ Baal-Hasor a ɛbɛn Efraim hyeɛ so no, Absalom too nsa frɛɛ ɔhene mmammarima nyinaa sɛ wɔmmra hɔ. 24Absalom kɔɔ ɔhene nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Me nnwan nwitwitwafoɔ reyɛ adwuma. Ɔhene ne nʼasomfoɔ bɛba abɛka me ho anaa?” 25Ɔhene buaa sɛ, “Dabi, me ba. Ɛnsɛ sɛ yɛn nyinaa kɔ; yɛbɛyɛ ɔhaw ama wo.” Ɛwom sɛ Absalom hyɛɛ no deɛ, nanso wampene sɛ ɔbɛkorɔ, na ɔhyiraa no kosɛkosɛ. 26Na Absalom kaa sɛ, “Sɛ saa na ɛte deɛ a, ma me nuabarima Amnon mmɛka yɛn ho.”
Ɔhene no bisaa no sɛ, “Adɛn enti na wobisa Amnon?”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.