2 Samuel 12:15
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Natan kɔɔ ne fie ara pɛ, Awurade maa abɔfra a Uria yere Batseba wo maa Dawid no yaree dendeenden.
2 Samuel 12:15 in English
2 Samuel 12:15 · Berean Standard Bible
After Nathan had gone home, the LORD struck the child that Uriah’s wife had borne to David, and he became ill.
Context
13Na Dawid ka kyerɛɛ Natan sɛ, “Mayɛ bɔne atia Awurade.”
Natan buaa sɛ, “Awurade ayi wo bɔne no afiri wo so. Worenwu. 14Nanso, sɛ woama Awurade atamfoɔ ɛkwan sɛ wɔmmu no animtia, ngu ne din ho fi enti, ɔba a wɔbɛwo no ama wo no bɛwu.” 15Natan kɔɔ ne fie ara pɛ, Awurade maa abɔfra a Uria yere Batseba wo maa Dawid no yaree dendeenden. 16Dawid srɛɛ Onyankopɔn sɛ ɔmma abɔfra no nkye. Ɔkyenee ho kɔm, na ɔkɔɔ fie, na anadwo mu no nyinaa, ɔdaa fam tim. 17Mpanimfoɔ a wɔwɔ ne fie srɛɛ no sɛ ɔnsɔre na ɔne wɔn nnidi, nanso wampene.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.