2 Samuel 12:13
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Na Dawid ka kyerɛɛ Natan sɛ, “Mayɛ bɔne atia Awurade.” Natan buaa sɛ, “Awurade ayi wo bɔne no afiri wo so. Worenwu.
2 Samuel 12:13 in English
2 Samuel 12:13 · Berean Standard Bible
Then David said to Nathan, “I have sinned against the LORD.” “The LORD has taken away your sin,” Nathan replied. “You will not die.
Context
11“Esiane deɛ woayɛ yi enti, me Awurade, mɛma wʼankasa fidua mufoɔ asɔre atia wo. Mede wo yerenom bɛma ɔbarima foforɔ, na ɔne wɔn bɛda ama obiara ahunu. 12Woyɛɛ yei wɔ kɔkoam, nanso mɛma deɛ ɛreba wo so no ada dwa, ama Israel nyinaa ahunu.” 13Na Dawid ka kyerɛɛ Natan sɛ, “Mayɛ bɔne atia Awurade.”
Natan buaa sɛ, “Awurade ayi wo bɔne no afiri wo so. Worenwu. 14Nanso, sɛ woama Awurade atamfoɔ ɛkwan sɛ wɔmmu no animtia, ngu ne din ho fi enti, ɔba a wɔbɛwo no ama wo no bɛwu.” 15Natan kɔɔ ne fie ara pɛ, Awurade maa abɔfra a Uria yere Batseba wo maa Dawid no yaree dendeenden.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.