Native Bible

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɛberɛ a Uria duruu Dawid nkyɛn no, ɔbisaa gyinaberɛ a Yoab ne akodɔm no wɔ mu ne sɛdeɛ ɔko no rekɔ so.

2 Samuel 11:7 in English

2 Samuel 11:7 · Berean Standard Bible

When Uriah came to him, David asked how Joab and the troops were doing with the war.

Context

5Ɛberɛ a Batseba hunuu sɛ wanyinsɛn no, ɔsoma maa wɔkɔka kyerɛɛ Dawid. 6Enti, Dawid soma kɔɔ Yoab nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ, “Fa Hetini Uria brɛ me.” 7Ɛberɛ a Uria duruu Dawid nkyɛn no, ɔbisaa gyinaberɛ a Yoab ne akodɔm no wɔ mu ne sɛdeɛ ɔko no rekɔ so. 8Na ɔka kyerɛɛ Uria sɛ, “Kɔ efie na kɔhome.” Na mpo, Uria firii ahemfie hɔ no, Dawid soma maa wɔde akyɛdeɛ bi kɔmaa no. 9Nanso, Uria ankɔ fie. Ɔne ɔhene asomfoɔ no bi tenaa ahemfie ɛpono no ano.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.