Native Bible

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Akyire no, Amonhene* Nahas wuiɛ. Ne babarima Hanun na ɔdii nʼadeɛ sɛ ɔhene.

2 Samuel 10:1 in English

2 Samuel 10:1 · Berean Standard Bible

Some time later, the king of the Ammonites died and was succeeded by his son Hanun.

Context

1Akyire no, Amonhene* Nahas wuiɛ. Ne babarima Hanun na ɔdii nʼadeɛ sɛ ɔhene. 2Dawid kaa sɛ, “Mɛyɛ Nahas babarima Hanun adɔeɛ, sɛdeɛ nʼagya yɛɛ me adɔeɛ no.” Nʼagya wuo enti, Dawid tuu abɔfoɔ kɔɔ ne nkyɛn kɔmaa no hyɛden. Ɛberɛ a Dawid abɔfoɔ baa Amonfoɔ asase so no, 3Amonfoɔ atitire no kɔbisaa wɔn wura Hanun sɛ, “Wogye di sɛ ba a Dawid somaa nʼabɔfoɔ baa wo nkyɛn bɛmaa wo hyɛden no kyerɛ anidie ampa ara anaa? Wonnye nni sɛ Dawid somaa wɔn akwansra so, sɛ wɔmmɛhwɛ wo kuropɔn na wɔabɛtu agu?”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.