2 Petro 2:15
2 Peter 2:15 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Wɔamane afiri ɛkwan tee no so enti wɔayera. Wɔafa ɛkwan a Beor ba Bileam a ne sika a ɔnya de yɛ bɔne no kɔfaa so no so.
2 Peter 2:15 in English
2 Peter 2:15 · Berean Standard Bible
They have left the straight way and wandered off to follow the way of Balaam son of Beor,* who loved the wages of wickedness.
Context
13Ɔhaw a wɔma ɛbaeɛ no, wɔbɛtua wɔn so ka. Deɛ wɔn ani gye ho ne sɛ wɔbɛyɛ biribiara awia ketee a ɛbɛyɛ ama wɔn honam akɔnnɔ. Sɛ wɔne mo to nsa didi a, ɛgu wɔn anim ase. Ɛfiri sɛ, saa ɛberɛ no na wɔka nnaadaasɛm. 14Wɔnhwehwɛ hwee sɛ mmaa adwamanfoɔ ɛfiri sɛ, wɔpɛ sɛ daa wɔyɛ bɔne. Wɔdaadaa nnipa a wɔyɛ mmerɛ kɔ bɔne mu. Wɔayɛn wɔn akoma ama anibereɛ. Wɔwɔ Onyankopɔn nnome ase. 15Wɔamane afiri ɛkwan tee no so enti wɔayera. Wɔafa ɛkwan a Beor ba Bileam a ne sika a ɔnya de yɛ bɔne no kɔfaa so no so. 16Yei maa wɔkaa nʼanim wɔ ne bɔne no ho. Nʼafunumu de onipa nne kasaeɛ de sii odiyifoɔ no abɔdamsɛm no ho ɛkwan. 17Saa nnipa yi te sɛ asutire a awe anaasɛ omununkum a mframa bɔ no. Onyankopɔn de wɔn asie esum kabii mu wɔ baabi.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.