2 Petro 2:14
2 Peter 2:14 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Wɔnhwehwɛ hwee sɛ mmaa adwamanfoɔ ɛfiri sɛ, wɔpɛ sɛ daa wɔyɛ bɔne. Wɔdaadaa nnipa a wɔyɛ mmerɛ kɔ bɔne mu. Wɔayɛn wɔn akoma ama anibereɛ. Wɔwɔ Onyankopɔn nnome ase.
2 Peter 2:14 in English
2 Peter 2:14 · Berean Standard Bible
Their eyes are full of adultery; their desire for sin is never satisfied; they seduce the unstable. They are accursed children with hearts trained in greed.
Context
12Nanso, saa nnipa yi yɛ wɔn nneɛma te sɛ mmoa a wonni adwene, wɔwo wɔn sɛ wɔnkye wɔn nku wɔn. Wɔgu nneɛma biara a wɔnte aseɛ no ho fi. Wɔbɛsɛe wɔn sɛ mmoa. 13Ɔhaw a wɔma ɛbaeɛ no, wɔbɛtua wɔn so ka. Deɛ wɔn ani gye ho ne sɛ wɔbɛyɛ biribiara awia ketee a ɛbɛyɛ ama wɔn honam akɔnnɔ. Sɛ wɔne mo to nsa didi a, ɛgu wɔn anim ase. Ɛfiri sɛ, saa ɛberɛ no na wɔka nnaadaasɛm. 14Wɔnhwehwɛ hwee sɛ mmaa adwamanfoɔ ɛfiri sɛ, wɔpɛ sɛ daa wɔyɛ bɔne. Wɔdaadaa nnipa a wɔyɛ mmerɛ kɔ bɔne mu. Wɔayɛn wɔn akoma ama anibereɛ. Wɔwɔ Onyankopɔn nnome ase. 15Wɔamane afiri ɛkwan tee no so enti wɔayera. Wɔafa ɛkwan a Beor ba Bileam a ne sika a ɔnya de yɛ bɔne no kɔfaa so no so. 16Yei maa wɔkaa nʼanim wɔ ne bɔne no ho. Nʼafunumu de onipa nne kasaeɛ de sii odiyifoɔ no abɔdamsɛm no ho ɛkwan.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.