2 Ahemfo 8:13
2 Kings 8:13 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Na Hasael buaa sɛ, “Ɛbɛyɛ dɛn na me a mensɛ hwee yi, bɛtumi adi dwuma kɛseɛ a ɛte sɛɛ yi?” Nanso, Elisa buaa sɛ, “Awurade akyerɛ me sɛ, wo na wobɛyɛ Aramhene.”
2 Kings 8:13 in English
2 Kings 8:13 · Berean Standard Bible
“But how could your servant, a mere dog, do such a monstrous thing?” said Hazael. And Elisha answered, “The LORD has shown me that you will be king over Aram.”
Context
11Elisa hwɛɛ Hasael anim, kɔsii sɛ Hasael yɛɛ basaa. Na Onyankopɔn onipa no hyɛɛ aseɛ suiɛ. 12Hasael bisaa no sɛ, “Me wura, ɛyɛ ɛdeɛn asɛm? Elisa buaa sɛ, Menim nneɛma a ɛyɛ hu a wobɛyɛ Israelfoɔ. Wobɛhye wɔn nkuro a wɔabobɔ ho ban, akunkum wɔn mmeranteɛ, de wɔn mma nketewa adweradwera fam, apaapae apemfoɔ yafunu!” 13Na Hasael buaa sɛ, “Ɛbɛyɛ dɛn na me a mensɛ hwee yi, bɛtumi adi dwuma kɛseɛ a ɛte sɛɛ yi?”
Nanso, Elisa buaa sɛ, “Awurade akyerɛ me sɛ, wo na wobɛyɛ Aramhene.” 14Ɛberɛ a Hasael sane kɔeɛ no, ɔhene no bisaa no sɛ, “Asɛm bɛn na Elisa ka kyerɛɛ wo?”
Hasael buaa sɛ, “Ɔka kyerɛɛ me sɛ, deɛ ɛbɛyɛ biara, wo ho bɛyɛ wo den.” 15Nanso, adeɛ kyeeɛ no, Hasael faa nnasoɔ, de nuu nsuo mu, de kataa ɔhene no anim, kɔsii sɛ ɔwuiɛ. Na Hasael sii nʼanan mu sɛ Aramhene.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.