Native Bible

2 Kings 6:9 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ntɛm pa ara, Onyankopɔn onipa Elisa bɔɔ Israelhene* kɔkɔ sɛ, “Ntwe mmɛn beaeɛ hɔ, ɛfiri sɛ, Aramfoɔ no reyɛ nhyehyɛeɛ, aboaboa wɔn akodɔm ano wɔ hɔ.”

2 Kings 6:9 in English

2 Kings 6:9 · Berean Standard Bible

Then the man of God sent word to the king of Israel: “Be careful passing by this place, for the Arameans are going down there.”

Context

7Elisa ka kyerɛɛ no sɛ, “Ma so yi.” Na ɔbarima no tenee ne nsa yiiɛ. 8Ɛberɛ a Aramhene ne Israel redi ako no, ɔne ne mpanimfoɔ tuu agyina, kaa sɛ, “Yɛbɛboaboa yɛn akodɔm ano wɔ ha anaa ɛha.” 9Ntɛm pa ara, Onyankopɔn onipa Elisa bɔɔ Israelhene* kɔkɔ sɛ, “Ntwe mmɛn beaeɛ hɔ, ɛfiri sɛ, Aramfoɔ no reyɛ nhyehyɛeɛ, aboaboa wɔn akodɔm ano wɔ hɔ.” 10Enti Israelhene hwɛɛ beaeɛ a Onyame onipa kyerɛɛ no no. Elisa kɔɔ so bɔɔ ɔhene no kɔkɔ mpɛn pii, na ɛmaa nʼani daa fam wɔ mmeaeɛ a ɛtete saa no ho. 11Aramhene werɛ hoo wɔ asɛm yi ho. Ɔfrɛɛ ne mpanimfoɔ bisaa wɔn sɛ, “Mo mu hwan na ɔyɛ ɔfatwafoɔ no? Hwan na ɔka me nhyehyɛeɛ a mayɛ kyerɛ Israelhene?”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.