Native Bible

2 Kings 5:25 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɛberɛ a ɔkɔɔ ne wura Elisa nkyɛn no, ɔbisaa no sɛ, “Gehasi, wokɔɔ he?” Ɔbuaa sɛ, “Menkɔɔ baabiara.”

2 Kings 5:25 in English

2 Kings 5:25 · Berean Standard Bible

When Gehazi went in and stood before his master, Elisha asked him, “Gehazi, where have you been?” “Your servant did not go anywhere,” he replied.

Context

23Naaman kaa sɛ, “Ɛnyɛ asɛm a ɛyɛ den, gye dwetɛ kilogram aduasa ɛnan yi.” Ɔmaa no ntadeɛ nsakyeramu mmienu, kyekyeree sika no wɔ nkotokuo mmienu mu, yii asomfoɔ baanu soaa akyɛdeɛ no, maa Gehasi. 24Nanso, wɔduruu bepɔ no so no, Gehasi gyee akyɛdeɛ no firii asomfoɔ no nkyɛn, ma wɔsane wɔn akyi kɔeɛ. Afei, ɔde akyɛdeɛ no kɔsiee efie no mu. 25Ɛberɛ a ɔkɔɔ ne wura Elisa nkyɛn no, ɔbisaa no sɛ, “Gehasi, wokɔɔ he?” Ɔbuaa sɛ, “Menkɔɔ baabiara.” 26Nanso, Elisa bisaa no sɛ, “Woanhunu sɛ ɛberɛ a Naaman si firii ne teaseɛnam mu bɛhyiaa wo no, na mewɔ hɔ honhom mu? Saa ɛberɛ yi na ɛsɛ sɛ wogye sika ne ntadeɛ ne ngo dua mfuo ne bobe mfuo ne nnwan ne anantwie ne asomfoɔ? 27Deɛ woayɛ yi enti, wo ne wo mma ne wo mma mma bɛyare Naaman kwata no bi afebɔɔ.” Ɛberɛ a Gehasi firii dan no mu no, na kwata ayɛ no a ne ho ahoa ayɛ sɛ sukyerɛmma.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.