Native Bible

2 Kings 3:15 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Afei, ma obi a ɔbɛtumi abɔ sankuo mmra.” Ɛberɛ a wɔrebɔ sankuo no, Awurade tumi baa Elisa so,

2 Kings 3:15 in English

2 Kings 3:15 · Berean Standard Bible

But now, bring me a harpist.*” And while the harpist played, the hand of the LORD came upon Elisha

Context

13Elisa ka kyerɛɛ Israelhene sɛ, “Wo ho nhia me. Kɔ wʼagya ne wo maame adiyifoɔ abosonsomfoɔ no nkyɛn.” Nanso, ɔhene Yoram kaa sɛ, “Dabi! Na ɛyɛ Awurade na ɔfrɛɛ yɛn ahemfo baasa yi baa ha, sɛ Moabhene nsɛe yɛn!” 14Na Elisa buaa sɛ, “Mmerɛ dodoɔ a Awurade Otumfoɔ a mesom no te ase yi, sɛ ɛnyɛ Yudahene Yehosafat a mebu no a, anka merenha me ho wɔ wo ho. 15Afei, ma obi a ɔbɛtumi abɔ sankuo mmra.” Ɛberɛ a wɔrebɔ sankuo no, Awurade tumi baa Elisa so, 16ma ɔkaa sɛ, “Sɛdeɛ Awurade seɛ nie: Saa bɔnhwa a emu nsuo awe yi, wɔde nsuo bɛhyɛ no ma. 17Worenhunu mframa anaa osuo sɛdeɛ Awurade ka no, nanso saa bɔnhwa yi, wɔbɛhyɛ no nsuo ma. Mobɛnya bi ama mo ho, mo anantwie ne mo mmoa a aka no.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.