2 Ahemfo 25:5
2 Kings 25:5 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Nanso, Babiloniafoɔ no tii wɔn, kɔkyeree ɔhene no wɔ Yeriko tata so, ɛfiri sɛ, saa ɛberɛ no, na ne mmarima no nyinaa adwane agya no.
2 Kings 25:5 in English
2 Kings 25:5 · Berean Standard Bible
but the army of the Chaldeans pursued the king and overtook him in the plains of Jericho, and all his army was separated from him.
Context
3Ɛduruu Tammus bosome (bɛyɛ Kitawonsa) da a ɛtɔ so dunwɔtwe no, Sedekia ahennie mfeɛ dubaako mu no, na ɛkɔm a aba kuropɔn no mu no ano ayɛ den yie, ama wɔn aduane a aka no nyinaa asa. 4Na kuropɔn no ɔfasuo fa bi abu agu fam enti, asraafoɔ no nyinaa yɛɛ adwene sɛ, wɔbɛdwane afiri kuropɔn no mu. Nanso, ɛsiane sɛ na Babiloniafoɔ atwa kuropɔn no ho ahyia enti, wɔtwɛn kɔsii anadwo, na wɔdwane faa ɛpono a ɛda afasuo mmienu a ɛwɔ ɔhene no nturo no mu mu. Wɔyɛɛ ntɛm faa wiramkwan de wɔn ani kyerɛɛ Yordan bɔnhwa no. 5Nanso, Babiloniafoɔ no tii wɔn, kɔkyeree ɔhene no wɔ Yeriko tata so, ɛfiri sɛ, saa ɛberɛ no, na ne mmarima no nyinaa adwane agya no. 6Wɔde no brɛɛ Babiloniahene wɔ Ribla, ma wɔbuu no atɛn. 7Babiloniahene maa Sedekia de nʼani kann hwɛɛ sɛ, wɔrekunkum ne mmammarima nyinaa. Afei, wɔtutuu Sedekia ani, de kɔbere nkɔnsɔnkɔnsɔn guu no, na wɔde no kɔɔ Babilonia.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.