2 Ahemfo 21:24
2 Kings 21:24 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Na nnipa a wɔwɔ asase no so nyinaa kunkumm nnipa a wɔbɔɔ ɔhene Amon ho pɔ no, na wɔde ne babarima Yosia dii adeɛ sɛ ɔhene.
2 Kings 21:24 in English
2 Kings 21:24 · Berean Standard Bible
But the people of the land killed all those who had conspired against King Amon, and they made his son Josiah king in his place.
Context
22Ɔgyaa Awurade, nʼagyanom Onyankopɔn no na wampɛ sɛ ɔbɛfa Awurade akwan so. 23Na Amon no ankasa asomfoɔ bɔɔ ne ho pɔ, kumm no wɔ nʼahemfie. 24Na nnipa a wɔwɔ asase no so nyinaa kunkumm nnipa a wɔbɔɔ ɔhene Amon ho pɔ no, na wɔde ne babarima Yosia dii adeɛ sɛ ɔhene. 25Amon ahennie ho nsɛm nkaeɛ ne dwuma a ɔdiiɛ no nyinaa, wɔatwerɛ agu Yuda Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma no mu. 26Wɔsiee no wɔ ne boda a ɛwɔ Usa turo mu hɔ no mu. Na ne babarima Yosia dii adeɛ sɛ ɔhene.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.