Native Bible

2 Kings 21:10 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Awurade nam nʼasomfoɔ a wɔyɛ nʼadiyifoɔ so kaa sɛ,

2 Kings 21:10 in English

2 Kings 21:10 · Berean Standard Bible

And the LORD spoke through His servants the prophets, saying,

Context

8Na sɛ Israelfoɔ bɛtie mʼahyɛdeɛ a menam mʼakoa Mose so hyɛ maa wɔn no a, merentwa wɔn asuo mfiri asase yi a mede maa wɔn agyanom no so.” 9Nanso, nnipa no antie. Manase dii wɔn anim, ma wɔyɛɛ bɔne bebree a ɛsene abosonsom aman a Awurade sɛee no ɛberɛ a Israelfoɔ kɔɔ saa asase no so no mpo. 10Awurade nam nʼasomfoɔ a wɔyɛ nʼadiyifoɔ so kaa sɛ, 11“Yudahene Manase ayɛ akyiwadeɛ bebree. Na mpo, ɔyɛ omumuyɛfoɔ sene Amorifoɔ* a wɔbɛtenaa asase yi so ansa na Israel reba no. Wadi Yudafoɔ anim, de wɔn akɔ ahonisom mu. 12Enti, sei na Awurade, Israel Onyankopɔn, seɛ: Mede ɔhaw ne abɛbrɛsɛ bɛto Yerusalem ne Yuda so ama aso a ɛbɛte saa nsɛm no mu ayɛ no gyenn.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.