2 Ahemfo 20:3
2 Kings 20:3 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Kae, Ao, Awurade, sɛdeɛ manante wʼanim nokorɛm na mede mʼakoma ayɛ deɛ ɛfata wɔ wʼanim.” Na Hesekia suu bebree.
2 Kings 20:3 in English
2 Kings 20:3 · Berean Standard Bible
“Please, O LORD, remember how I have walked before You faithfully and with wholehearted devotion; I have done what was good in Your sight.” And Hezekiah wept bitterly.
Context
1Saa ɛberɛ no mu, ɔhene Hesekia yaree yarewuo, ɛnna Amos babarima odiyifoɔ Yesaia kɔsraa no. Ɔkaa saa asɛm yi kyerɛɛ ɔhene no, “Sɛdeɛ Awurade seɛ nie: Hyɛ wo nsamanseɛ, ɛfiri sɛ, wobɛwu. Wo yadeɛ no rennyae.” 2Ɛberɛ a Hesekia tee asɛm yi, ɔtwaa nʼani hwɛɛ fasuo, bɔɔ Awurade mpaeɛ sɛ, 3“Kae, Ao, Awurade, sɛdeɛ manante wʼanim nokorɛm na mede mʼakoma ayɛ deɛ ɛfata wɔ wʼanim.” Na Hesekia suu bebree. 4Na ansa na Yesaia bɛfiri adihɔ no mfimfini no, Awurade de asɛm yi bɛsii ne so sɛ, 5“Sane kɔ Hesekia a ɔyɛ me nkurɔfoɔ ɔkannifoɔ no nkyɛn, na kɔka kyerɛ no sɛ, ‘Sei na Awurade a ɔyɛ wʼagya Dawid Onyankopɔn seɛ: Mate wo mpaeɛbɔ no, ahunu wo nisuo no. Mɛsa wo yadeɛ, na nnansa akyi no, wobɛsɔre afiri mpa so, na woakɔ Awurade Asɔredan mu.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.