Native Bible

2 Kings 2:6 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Na Elia ka kyerɛɛ Elisa sɛ, “Tena ha, na Awurade aka akyerɛ me sɛ, menkɔ Asubɔnten Yordan ho.” Nanso, Elisa buaa bio sɛ, “Mmerɛ dodoɔ a Awurade te ase, na wo nso wote ase yi, merennya wo.” Enti wɔtoaa so kɔeɛ.

2 Kings 2:6 in English

2 Kings 2:6 · Berean Standard Bible

And Elijah said to Elisha, “Please stay here, for the LORD has sent me on to the Jordan.” But Elisha replied, “As surely as the LORD lives and as you yourself live, I will not leave you.” So the two of them went on.

Context

4Na Elia ka kyerɛɛ Elisa sɛ, “Tena ha, na Awurade aka akyerɛ me sɛ, menkɔ Yeriko.” Nanso, Elisa buaa bio sɛ, “Mmerɛ dodoɔ a Awurade te ase, na wo nso wote ase yi, merennya wo da.” Enti, wɔnante kɔɔ Yeriko. 5Na adiyifoɔ kuo a wɔfiri Yeriko baa Elisa nkyɛn bɛbisaa no sɛ, “Na wonim sɛ Awurade rebɛfa wo wura afiri wo nkyɛn ɛnnɛ anaa?” Ɔbuaa bio sɛ, “Ɛyɛ nokorɛ turodoo, menim. Nanso, monnka nkyerɛ obiara.” 6Na Elia ka kyerɛɛ Elisa sɛ, “Tena ha, na Awurade aka akyerɛ me sɛ, menkɔ Asubɔnten Yordan ho.” Nanso, Elisa buaa bio sɛ, “Mmerɛ dodoɔ a Awurade te ase, na wo nso wote ase yi, merennya wo.” Enti wɔtoaa so kɔeɛ. 7Mmarima aduonum firi adiyifoɔ kuo no mu nso kɔeɛ, kɔgyinaa akyirikyiri baabi, hwɛɛ sɛ Elia ne Elisa gyina Asubɔnten Yordan ho hɔ. 8Na Elia bobɔɔ nʼatadeɛ, de bɔɔ nsuo no ani. Nsuo no mu kyɛɛ mmienu, ma wɔfaa asase kesee so twareeɛ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.