Native Bible

2 Kings 2:4 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Na Elia ka kyerɛɛ Elisa sɛ, “Tena ha, na Awurade aka akyerɛ me sɛ, menkɔ Yeriko.” Nanso, Elisa buaa bio sɛ, “Mmerɛ dodoɔ a Awurade te ase, na wo nso wote ase yi, merennya wo da.” Enti, wɔnante kɔɔ Yeriko.

2 Kings 2:4 in English

2 Kings 2:4 · Berean Standard Bible

And Elijah said to Elisha, “Please stay here, for the LORD has sent me on to Jericho.” But Elisha replied, “As surely as the LORD lives and as you yourself live, I will not leave you.” So they went to Jericho.

Context

2Na Elia ka kyerɛɛ Elisa sɛ, “Tena ha na Awurade aka akyerɛ me sɛ, menkɔ Bet-El.” Na Elisa buaa sɛ, “Mmerɛ dodoɔ a Awurade te ase, na wo nso wote ase no, merennya wo da.” Enti, wɔnante kɔɔ Bet-El. 3Adiyifoɔ kuo a wɔfiri Bet-El no baa Elisa nkyɛn bɛbisaa no sɛ, “Na wonim sɛ Awurade rebɛfa wo wura afiri wo nkyɛn ɛnnɛ?” Elisa buaa sɛ, “Aane, menim saa. Nanso, monnka nkyerɛ obiara.” 4Na Elia ka kyerɛɛ Elisa sɛ, “Tena ha, na Awurade aka akyerɛ me sɛ, menkɔ Yeriko.” Nanso, Elisa buaa bio sɛ, “Mmerɛ dodoɔ a Awurade te ase, na wo nso wote ase yi, merennya wo da.” Enti, wɔnante kɔɔ Yeriko. 5Na adiyifoɔ kuo a wɔfiri Yeriko baa Elisa nkyɛn bɛbisaa no sɛ, “Na wonim sɛ Awurade rebɛfa wo wura afiri wo nkyɛn ɛnnɛ anaa?” Ɔbuaa bio sɛ, “Ɛyɛ nokorɛ turodoo, menim. Nanso, monnka nkyerɛ obiara.” 6Na Elia ka kyerɛɛ Elisa sɛ, “Tena ha, na Awurade aka akyerɛ me sɛ, menkɔ Asubɔnten Yordan ho.” Nanso, Elisa buaa bio sɛ, “Mmerɛ dodoɔ a Awurade te ase, na wo nso wote ase yi, merennya wo.” Enti wɔtoaa so kɔeɛ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.