2 Ahemfo 19:9
2 Kings 19:9 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ankyɛre, ɔhene Sanaherib nyaa nkra sɛ, Etiopiahene Tirhaka adi akodɔm anim, rebɛko atia no. Na ansa na ɔbɛsane akohyia akodɔm no, ɔtoo saa nkra yi sɛ wɔmfa nkɔma Hesekia wɔ Yerusalem.
2 Kings 19:9 in English
2 Kings 19:9 · Berean Standard Bible
Now Sennacherib had been warned about Tirhakah king of Cush:* “Look, he has set out to fight against you.” So Sennacherib again sent messengers to Hezekiah, saying,
Context
7Montie! Mede honhom bi rebɛhyɛ ne mu, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a sɛ ɔte asɛm bi a ɔbɛsane akɔ ne ɔman mu, na ɛhɔ na mɛma wɔde akofena akum no.’ ” 8Ɛberɛ a ɔsahene no tee sɛ Asiriahene afiri Lakis no, ɔsanee nʼakyi kɔhunuu sɛ ɔhene no ne Libna reko. 9Ankyɛre, ɔhene Sanaherib nyaa nkra sɛ, Etiopiahene Tirhaka adi akodɔm anim, rebɛko atia no. Na ansa na ɔbɛsane akohyia akodɔm no, ɔtoo saa nkra yi sɛ wɔmfa nkɔma Hesekia wɔ Yerusalem. 10“Monka nkyerɛ Yudahene Hesekia sɛ: Ɛmma onyame a wode wo ho ato no so no nnaadaa mo nka sɛ, ‘Asiriahene rentumi mfa Yerusalem.’ 11Moate deɛ Asiria ahemfo ayɛ amanaman no nyinaa. Wɔasɛe wɔn pasaa. Na mo deɛ wɔbɛgye mo anaa?
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.