2 Ahemfo 19:21
2 Kings 19:21 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Yei ne asɛm a Awurade aka atia no: “ ‘Ɔbabaabunu Sion sopa wo, na ɔsere wo. Ɔbabaa Yerusalem di wo ho fɛ, na ɔwoso ne ti ɛberɛ a woredwane.
2 Kings 19:21 in English
2 Kings 19:21 · Berean Standard Bible
This is the word that the LORD has spoken against him: ‘The Virgin Daughter of Zion despises you and mocks you; the Daughter of Jerusalem shakes her head behind you.
Context
19Afei, Ao Awurade, yɛn Onyankopɔn, gye yɛn firi ne tumi ase, na ɛbɛma ahennie a ɛwɔ asase so nyinaa ahunu sɛ wo nko ara, Ao Awurade, na woyɛ Onyankopɔn.” 20Na Amos babarima Yesaia too saa nkra yi kɔmaa Hesekia sɛ, “Sɛdeɛ Awurade, Israel Onyankopɔn, seɛ nie: ‘Mate wo mpaeɛbɔ a ɛfa Asiriahene Sanaherib ho no. 21Yei ne asɛm a Awurade aka atia no:
“ ‘Ɔbabaabunu Sion sopa wo,
na ɔsere wo.
Ɔbabaa Yerusalem di wo ho fɛ,
na ɔwoso ne ti ɛberɛ a woredwane. 22Hwan na wasopa no na woagu ne ho fi yi?
Hwan na woama wo nne so atia no
na wohwɛɛ no ahantan so?
Ɛyɛ Israel ɔkronkronni no! 23Wonam wʼasomafoɔ so
adi Awurade ho fɛw.
Na woaka sɛ,
“Mede me nteaseɛnam bebrebe no
adi bepɔ tentene pa ara so,
aane, Lebanon nkokoɔ a ɛwɔ akyirikyiri no.
Matwitwa ntweneduro atentene pa ara
ne ne pepeaa a ɛdi mu no nso agu fam.
Maduru ne twetwɛwa so akyirikyiri
na manantenante ne kwaeɛbirentuo mu.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.