Native Bible

2 Kings 18:36 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Na nnipa no yɛɛ komm a wɔamma mmuaeɛ biara, ɛfiri sɛ, na Hesekia aka akyerɛ wɔn sɛ wɔnnkasa.

2 Kings 18:36 in English

2 Kings 18:36 · Berean Standard Bible

But the people remained silent and did not answer a word, for Hezekiah had commanded, “Do not answer him.”

Context

34Asɛm bɛn na ɛtoo Hamat ne Arpad anyame no? Na Sefarwaim, Hena ne Iwa anyame nso, wɔwɔ he? Wɔtumi gyee Samaria firii me tumi ase anaa? 35Ɔman bɛn so anyame na watumi agye ne nkurɔfoɔ afiri me tumi ase? Mommɔ baako pɛ din. Na afei, ɛdeɛn na ɛma mo dwene sɛ Awurade bɛtumi agye Yerusalem?” 36Na nnipa no yɛɛ komm a wɔamma mmuaeɛ biara, ɛfiri sɛ, na Hesekia aka akyerɛ wɔn sɛ wɔnnkasa. 37Afei, Hilkia babarima Eliakim, ahemfie sohwɛfoɔ ne ɔtwerɛfoɔ Sebna ne Asaf babarima Yoa, ahemfie abakɔsɛm twerɛfoɔ, sane kɔɔ Hesekia nkyɛn. Wɔsunsuanee wɔn ntadeɛ mu, na wɔkɔhunuu ɔhene no, kaa asɛm a Asiria ɔnanmusini kaeɛ no kyerɛɛ no.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.