Native Bible

2 Kings 16:20 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɛberɛ a Ahas wuiɛ no, wɔsiee no ne mpanimfoɔ nkyɛn wɔ Dawid kuro mu. Na ne babarima Hesekia bɛdii nʼadeɛ sɛ ɔhene.

2 Kings 16:20 in English

2 Kings 16:20 · Berean Standard Bible

And Ahaz rested with his fathers and was buried with them in the City of David, and his son Hezekiah reigned in his place.

Context

18Na anidie a ɔde ma Asiriahene no enti, ɔyii kyiniiɛ bi a na wɔayɛ wɔ ahemfie no mu a na wɔde di dwuma homeda no ne ɔhene no abɔntenkwan a ɛkɔ Awurade Asɔredan mu no firii hɔ. 19Ahas ahennie ho nsɛm nkaeɛ no ne dwuma ahodoɔ a ɔdiiɛ no, wɔatwerɛ agu Yuda Ahemfo Abakɔsɛm Nwoma no mu. 20Ɛberɛ a Ahas wuiɛ no, wɔsiee no ne mpanimfoɔ nkyɛn wɔ Dawid kuro mu. Na ne babarima Hesekia bɛdii nʼadeɛ sɛ ɔhene.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.