2 Korintofoɔ 8:3
2 Corinthians 8:3 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Medi ho adanseɛ sɛ wɔmaa deɛ wɔbɛtumi ma ɛboroo so mpo. Wɔn ara firii wɔn pɛ mu
2 Corinthians 8:3 in English
2 Corinthians 8:3 · Berean Standard Bible
For I testify that they gave according to their ability and even beyond it. Of their own accord,
Context
1Anuanom, yɛpɛ sɛ mohunu deɛ Onyankopɔn adom ayɛ wɔ Makedonia asɔre ahodoɔ mu. 2Wɔn ahokyere mu wɔn anigyeɛ boroo so, na wɔn hia mu mpo, woyii ayamyɛ kɛseɛ kyerɛeɛ. 3Medi ho adanseɛ sɛ wɔmaa deɛ wɔbɛtumi ma ɛboroo so mpo. Wɔn ara firii wɔn pɛ mu 4srɛɛ yɛn sɛ yɛmma wɔmfa sika no nkɔma Akristofoɔ a wɔwɔ Yudea no bi. 5Wɔyɛ maa ɛboroo so. Deɛ ɛdi ɛkan no, wɔde wɔn ho maa Awurade. Afei, wɔfiri Onyankopɔn pɛ mu de wɔn ho maa yɛn nso.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.