2 Korintofoɔ 8:22
2 Corinthians 8:22 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Enti, yɛresoma onipa foforɔ bi aka Tito ne osuani baako no ho. Yɛasɔ no akwan ahodoɔ bebree so ahwɛ na yɛahunu sɛ ɛyɛ ne pɛ sɛ ɔboa. Na seesei ne ho pere no sɛ ɔbɛboa ɛfiri sɛ wanya mo mu ahotosoɔ.
2 Corinthians 8:22 in English
2 Corinthians 8:22 · Berean Standard Bible
And we are sending along with them our brother whose earnestness has been proven many times and in many ways, and now even more so by his great confidence in you.
Context
20Yɛhwɛ yɛn ho so yie sɛ asɛm biara remma kwan a yɛbɛfa so de saa akyɛdeɛ yi adi dwuma no ho. 21Yɛn botaeɛ ne sɛ, yɛbɛyɛ deɛ ɛyɛ wɔ Awurade ne nnipa anim. 22Enti, yɛresoma onipa foforɔ bi aka Tito ne osuani baako no ho. Yɛasɔ no akwan ahodoɔ bebree so ahwɛ na yɛahunu sɛ ɛyɛ ne pɛ sɛ ɔboa. Na seesei ne ho pere no sɛ ɔbɛboa ɛfiri sɛ wanya mo mu ahotosoɔ. 23Tito deɛ, ɔyɛ me ɔboafoɔ a ɔne me yɛ adwuma de boa mo na anuanom a wɔne no rekɔ no deɛ, wɔyɛ asɔre ahodoɔ ananmusifoɔ a wɔhyɛ Kristo animuonyam. 24Momma wɔnhunu ɔdɔ a modɔ wɔn sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, asafo no nyinaa bɛhunu sɛ hoa a yɛde mo hoahoa yɛn ho no yɛ nokorɛ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.